Menu

Nnwom 131

ASA

1 Ao Awurade, ahomasoɔ nni mʼakoma mu, na mʼani ntraa ntɔn; memma nsɛm akɛseɛ nha me anaa nsɛm a ɛyɛ nwanwa dodo ma me. 2 Na mmom, mama me kra anya abotɔyam te sɛ akɔkoaa a ɔda ne maame so renum no, te sɛ akɔkoaa a ɔtua nufoɔ ano no, saa ara na me kra ayɛ wɔ me mu. 3 Ao Israel, ma wʼani nna Awurade so, seesei ne daa nyinaa.

Everything we make is available for free because of a generous community of supporters.

Donate