Menu

Nnwom 124

ASA

1 Sɛ anka Awurade nni yɛn afa a, ma Israel nka. 2 Sɛ anka Awurade nni yɛn afa ɛberɛ a nnipa to hyɛɛ yɛn so, 3 ɛberɛ a wɔn abufuo sɔree tiaa yɛn a, anka wɔmenee yɛn anikann; 4 anka nsuyire no bu faa yɛn so, anka ɔhweam no twee yɛn kɔeɛ, 5 anka nsuo a ano yɛ den no afa yɛn kɔ. 6 Nkamfoɔ nka Awurade a wɔamma ho kwan amma wɔamfa wɔn se antete yɛn mu. 7 Yɛadwane sɛ anomaa afiri afirisumfoɔ afidie mu; afidie no mu abubu, ama yɛanya ɛkwan adwane. 8 Yɛn mmoa wɔ Awurade din mu, ɔsoro ne asase Yɛfoɔ no.

Everything we make is available for free because of a generous community of supporters.

Donate