Yosua 12
ASA1 Yeinom ne ahemfo a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam a wɔkunkumm wɔn na wɔfaa wɔn nsase. Wɔn nsase no firi Arnon Subɔnhwa kɔsi Bepɔ Hermon so a Yordan Bɔnhwa asase a ɛwɔ apueeɛ fam nyinaa ka ho. 2 Wɔdii Amorifoɔhene Sihon a na ɔte Hesbon so. Na nʼahemman bi ne Aroer a ɛwɔ Arnon Subɔnhwa ano na ɛtene firi ne mfimfini kɔsi Asubɔnten Yabok a ɛda hɔ sɛ ɛhyeɛ ma Amorifoɔ no. Ɛnnɛ yi, Gilead fa a ɛda Asubɔnten Yabok atifi no ka ɔmantam no ho. 3 Ɛfiri Yordan bɔnhwa atifi a ɛbɛn Galilea ɛpo no atɔeɛ fam mpoano na ɛsiane ba anafoɔ fam bɛsi Nkyene Ɛpo, firi Bet-Yesimot kɔsi Pisga nsianeɛ so hyɛɛ Sihon ase. 4 Basanhene Og a ɔtwa Refaimfoɔ to no tenaa Astarot ne Edrei asase so. 5 Na ɔdii ɔhene wɔ ɔman a ɛfiri Bepɔ Hermon so de kɔsi Saleka wɔ atifi fam ne Basan a ɛwɔ apueeɛ fam nyinaa, de kɔ atɔeɛ fam kɔsi Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ ahemman ɛhyeɛ so. Gilead fa a ɛwɔ atifi fam, ne ɛfa a aka a na ɛwɔ Hesbonhene Sihon asase mu no ka ho. 6 Na Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ no ne Israelfoɔ atɔre ɔhene Sihon ne ɔhene Og nkurɔfoɔ ase. Mose de wɔn asase maa Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusua fa no. 7 Saa ahemfo a wɔn din didi soɔ yi na Yosua ne Israel akodɔm dii wɔn so wɔ Yordan atɔeɛ fam firi Baal-Gad wɔ Lebanon bɔnhwa mu de kɔsi Halak bepɔ a ɛkɔsi Seir no. Na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuo no sɛ wɔn agyapadeɛ, 8 a ɛne bepɔ so ɔman, atɔeɛ fam nkokoɔ, Yordan Bɔnhwa, mmepɔ mmepɔ nsianeɛ, Yudea ɛserɛ so ne Negeb. Nnipa a na wɔte saa beaeɛ hɔ no yɛ Hetifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ. Yeinom ne ahemfo a Israel dii wɔn so nkonim: 9 YerikohenebaakoAi a ɛbɛn Bet-El ɔhenebaako 10 YerusalemhenebaakoHebronhenebaako 11 YarmuthenebaakoLakishenebaako 12 EglonhenebaakoGeserhenebaako 13 DebirhenebaakoGederhenebaako 14 HormahenebaakoAradhenebaako 15 LibnahenebaakoAdulamhenebaako 16 MakedahenebaakoBet-Elhenebaako 17 TapuahenebaakoHeferhenebaako 18 AfekhenebaakoLasaronhenebaako 19 MadonhenebaakoHasorhenebaako 20 SimronhenebaakoAksafhenebaako 21 TaanakhenebaakoMegidohenebaako 22 KedeshenebaakoYokneam a ɛwɔ Karmel ase ɔhenebaako 23 Dor a ɛwɔ Dor kokoɔ so ɔhenebaakoamanaman a ɛwɔ Gilgal no ɔhenebaako 24 Tirsahenebaako Ahemfo a wɔsɛee wɔn ne wɔn nkuro nyinaa ano si aduasa baako.
