Menu

Nnwom 16

AKA

1 Bɔ me ho ban, me Nyankopɔn, na wo mu na minya guankɔbea. 2 Meka kyerɛɛ Awurade se, “MʼAwurade ne wo; minni ade pa biara ka wo ho." 3 Ahotefo a wɔwɔ asase no so de, wɔne anuonyamfo a mʼanigye wɔ wɔn mu. 4 Wɔn a wodi anyame afoforo akyi no, wɔn awerɛhow bɛdɔɔso. Merengu mogya nsa mma saa anyame no na meremfa mʼano mmɔ wɔn din. 5 Awurade, wode me kyɛfa ne me kuruwa ama me; woama me kyɛfa anya bammɔ. 6 Mʼahye akɔdeda mmeae a eye ama me; ampa ara mewɔ agyapade a ho yɛ anigye. 7 Mɛkamfo Awurade a otu me fo; na anadwo mpo, me koma kyerɛkyerɛ me. 8 Mihu Awurade wɔ mʼani so daa nyinaa. Esiane sɛ ɔwɔ me nsa nifa nti, merenhinhim da. 9 Ɛno nti, me kra ani gye, na mede me tɛkrɛma di ahurusi; me nipadua nso bɛhome asomdwoe mu, 10 efisɛ, worennyaw me awufo mu. Na woremma wo Kronkronni no mporɔw. 11 Woakyerɛ me nkwagye kwan, na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim, na anigye a ɛrensa da wɔ wo nifa so.

Everything we make is available for free because of a generous community of supporters.

Donate