Menu

Nnwom 133

AKA

1 Hwɛ oye a eye ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bɔ mu tena faako! 2 Ɛte sɛ ngo a ɛsom bo a wɔahwie agu apampam, na esian kogu bɔgyesɛ mu, esian kogu Aaron bɔgyesɛ mu, ma bi kogu nʼatade kɔn mu. 3 Ɛte sɛ Hermon bosu a ɛtɔ gu Bepɔw Sion so. Ɛhɔ na Awurade ahyɛ ne nhyira, nkwa a to ntwa da no.

Everything we make is available for free because of a generous community of supporters.

Donate