Menu

Nnwom 12

AKA

1 Boa yɛn, Awurade, na nyamesurofo asa; nokwafo ayera wɔ nnipa mu. 2 Obiara di atoro kyerɛ ne yɔnko; wɔn ano a ɛdɛfɛdɛfɛ no ka nnaadaasɛm. 3 Ma Awurade ntwa nnaadaa ano ne tɛkrɛma biara a ɛhoahoa ne ho nkyene; 4 nea ɛka se, “Yɛde yɛn tɛkrɛma bedi nkonim; yɛn ano bedi ama yɛn, na hena na odi yɛn so tumi?" 5 “Esiane ɔhyɛ a wɔde hyɛ mmɔborɔni ne ohiani apinisi no nti, mɛsɔre afei,” Awurade na ose. “Mɛbɔ wɔn ho ban afi wɔn a wɔhaw wɔn no ho." 6 Awurade asɛm yɛ nokware te sɛ dwetɛ a wɔasɔn so wɔ fononoo mu, na wɔahoa ho mpɛn ason. 7 Awurade, wobɛkora mmɔborɔni na woabɔ yɛn ho ban afi saa nnipa yi ho afebɔɔ. 8 Amumɔyɛfo nenam sɛnea wɔpɛ, bere a adesamma de nidi ma afide. Wɔde ma dwonkyerɛfo.

Everything we make is available for free because of a generous community of supporters.

Donate