Menu

Nnwom 100

AKA

1 Mommɔ ose mma Awurade, asase nyinaa. 2 Momfa ahosɛpɛw nsom Awurade; momfa anigye nnwom mmra nʼanim. 3 Munhu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn; ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na yɛyɛ ne de; yɛyɛ ne nkurɔfo ne ne didibea nguan. 4 Momfa aseda nhyɛn nʼapon mu, na momfa nkamfo nkɔ nʼadiwo; momfa aseda mma no, na monkamfo ne din. 5 Awurade ye; na nʼadɔe wɔ hɔ daa; ne nokwaredi kodu awo ntoatoaso nyinaa so.

Everything we make is available for free because of a generous community of supporters.

Donate