Yosua 12
AKA1 Eyinom ne ahemfo a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apuei fam a wokunkum wɔn na wɔfaa wɔn nsase. Wɔn nsase no fi Arnon Subon kosi Bepɔw Hermon so a Yordan Bon asase a ɛwɔ apuei fam nyinaa ka ho. 2 Wodii Amorihene Sihon a na ɔte Hesbon no so. Na nʼaheman bi ne Aroer a ɛwɔ Arnon Subon ano na ɛsen fi ne mfimfini kosi Asubɔnten Yabok a ɛda hɔ sɛ ɔhye ma Amorifo no. Nnɛ yi, Gilead fa a ɛda Asubɔnten Yabok atifi no ka ɔmantam no ho. 3 Efi Yordan bon atifi a ɛbɛn Galilea po no atɔe fam mpoano na esian ba anafo fam besi Nkyene Po, fi Bet-Yesimot kosi Pisga nsian so hyɛɛ Sihon ase. 4 Basanhene Og a otwa Refaitefo to no tenaa Astarot ne Edrei asase so. 5 Na odii hene wɔ ɔman a efi Bepɔw Hermon so de kosi Saleka wɔ atifi fam ne Basan a ɛwɔ apuei fam nyinaa, de kɔ atɔe fam kosi Gesurfo ne Maakatfo ahemman hye so. Gilead fa a ɛwɔ atifi fam, ne ɔfa a aka a na ɛwɔ Hesbonhene Sihon asase mu no ka ho. 6 Na Mose a ɔyɛ Awurade somfo no ne Israelfo atɔre ɔhene Sihon ne ɔhene Og nkurɔfo ase. Mose de wɔn asase maa Ruben ne Gad mmusuakuw ne Manase abusua fa no. 7 Saa ahemfo a wɔn din didi so yi na Yosua ne Israel nsraadɔm dii wɔn so wɔ Yordan atɔe fam fi Baal-Gad wɔ Lebanon bon mu de kosi Halak bepɔw a ekosi Seir no. (Na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuw no sɛ wɔn agyapade, 8 a ɛne, bepɔw so man, atɔe fam nkoko, Yordan Bon, mmepɔw mmepɔw nsian, Yudean sare so ne Negeb. Nnipa a na wɔte saa beae hɔ no yɛ Hetifo, Amorifo, Kanaanfo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo.) Eyinom ne ahemfo a Israel dii wɔn so nkonim: 9 YerikohenebaakoAi a ɛbɛn Bet-El henebaako 10 YerusalemhenebaakoHebronhenebaako 11 YarmuthenebaakoLakishenebaako 12 EglonhenebaakoGeserhenebaako 13 DebirhenebaakoGaderhenebaako 14 HormahenebaakoAradhenebaako 15 LibnahenebaakoAdulamhenebaako 16 MakedahenebaakoBet-Elhenebaako 17 TapuahenebaakoHeferhenebaako 18 AfekhenebaakoLasaronhenebaako 19 MadonhenebaakoHasorhenebaako 20 SimronhenebaakoAksafhenebaako 21 TaanakhenebaakoMegidohenebaako 22 KedeshenebaakoYokneam a ɛwɔ Karmel ase henebaako 23 Dor a ɛwɔ Dor koko so hene,baakoamanaman a ɛwɔ Gilgal no hene nebaako 24 Tirsahenebaako Ahemfo a wɔsɛe wɔn ne wɔn nkurow nyinaa ano si aduasa baako.
